Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 104:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so. Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam na ɔde nantew mframa ntaban so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so. Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam na ɔde nante mframa ntaban so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 wode wo mpia sɛm nsu so, wode amununkum yɛ wo teaseɛnam, wode mframa ntaban nenam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 104:3
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔtenaa Kerub so tui, na wɔhunuu no mframa ntaban so.


Sɛ mefa adekyeeɛ ntaban metu mekɔtena ɛpo akyiri nohoa a,


Mo soro mu soro, monyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro soɔ.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.


Ɔsi ne nsamsoɔ ɔsoro, na ɔto ne kuntunu fapem, asase so, ɔfrɛ po mu nsuo na ɔhwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so, na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan