Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 104:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atade; ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ; ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Wufura hann sɛ ntama, wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 104:2
11 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, ɔtrɛ ne hann mu wɔ ne so, na ɔkata ɛpo nhini so.


Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;


Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ, na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ; ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu;


Me na meyɛɛ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa; me na me nsa trɛɛ ɔsoro mu, na mehyɛɛ mu asafo nyinaa.


Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔsisii ahennwa, na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase, n’atadeɛ hoa sɛ nwera, na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita; n’adwa yɛ ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefranam.


Ne hyerɛn te sɛ owia hann, nsesaeɛ wowɔ ne ho, na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahuntaeɛ.


AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


deɛ ɔno nko wɔ daa nkwa a owuo nni mu, te hann a obi nnya ho kwan mu, deɛ nnipa mu biara nhunuu no da, na obiara ntumi nhunu no no, ɔno na anidie ne daa tumi wɔ no. Amen.


Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛrebɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan