Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 103:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo na ɔsa wo nyarewa nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ na ɔsa wo nyarewa nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 103:3
27 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu.


Na wo na fakyɛ wɔ wo fam, na wɔasuro wo.


Ɔno na ɔbɛgye Israel afiri n’amumuyɛ nyinaa mu.


Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, na ɔkyekyere wɔn akuro.


AWURADE, me Nyankopɔn, mesu mefrɛɛ wo, na wosaa me yadeɛ.


Abusudeɛ akuta no, na afei ɔda hɔ yi, ɔrensɔre bio.


Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.


na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.


deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem, na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ, na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie, ɔtua nananom amumuyɛ so ka fa mma ne mma mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.


Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.


Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so, na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ.


AWURADE, sa me yadeɛ na menya ahoɔden; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyie.


Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ!


Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Ɔno ara mu na yɛanya ɔgyeɛ a ɛnam ne mogya soɔ, a ɛne mfomsoɔ fakyɛ no wɔ n’adom bebree mu.


Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan