Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 103:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Me kra, hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Me kra, hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me kra, kamfo Awurade; na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao me kra, kamfo Awurade; na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Me kra, hyira AWURADE, na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 103:1
19 Iomraidhean Croise  

AWURADE nnwuma nyinaa, monhyira no, mmeammea a ɔdi tumi nyinaa. Me kra, hyira AWURADE.


Me kra, hyira AWURADE. AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔhran ne animuonyam.


Monyi AWURADE ayɛ! Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE, ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu.


Mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, anyame no anim mɛto wo dwom.


Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mɛhyira wo din daa daa.


Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene, mommɔ sankuo nto nnweneho dwom.


Ɛbɛmee me kra sɛ ekyim ne sradeɛ, na mede ahosan mu anoteɛ bɛyi wo ayɛ.


Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.


Na oyi team kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokorɛ mu.


Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.


Na mebɔ yei ho mpaeɛ sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan