Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 102:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 wadan n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 102:17
16 Iomraidhean Croise  

Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.


Na meyii wɔn ano sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma no asi yɛn yie, na yɛn ne nkoa bɛsɔre asi, na mo deɛ, monni kyɛfa ne tumi ne nkaeɛ biara wɔ Yerusalem.


AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem, ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn.


Na wansere na wankyiri ɔmanehunufoɔ amaneɛ, na wanyi n’anim anhunta no, na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.


Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu, na wɔanhunu adeɛ, na ma wɔn sisi mpopo daa,


Na ɔbɛgye ohiani a ɔsu frɛ no, ne ɔmanehunufoɔ a ɔnni boafoɔ.


Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.


Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu; deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu! ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ,


Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.


Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan