Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 102:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ; bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ; bere a wohyɛe no aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ; berɛ aduru sɛ wohunu no mmɔbɔ; ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Wobɛsɔre abehu Sion mmɔbɔ, na ɛbere a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛbere no adu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 102:13
26 Iomraidhean Croise  

AWURADE, wo din wɔ hɔ daa, AWURADE, wo nkaeɛ tena awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Sɔre bɛboa yɛn ɛ, na gye yɛn, w’adɔeɛ nti!


Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie; to Yerusalem afasuo!


AWURADE, sɔre w’abufuo mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden, na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.


Mɛba berɛ a ɛsɛ mu, na me ara mabɛbu atɛntenenee.


Wo deɛ, wɔnnya mmɔɔ mmepɔ na wonnya nyii asase ne wiase adie no, na wofiri tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.


Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE, w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe, na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn. Na yei ne me din de kɔsi daa, na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so.


Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Menya mede wɔn nnommum mesane ba a, wɔbɛsane aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkuro mu sɛ: AWURADE ahyira wo, tenenee tenabea, O bepɔ kronkron.


Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu,


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


sɛ motwɛn na morepɛ Nyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛeɛ, na wiem mfitiasedeɛ anane ahye.


Na, adɔfo, mommma adeɛ baako yi nnhunta mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirinhyia apem, na mfirinhyia apem yɛ no sɛ da koro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan