Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 100:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 100:5
31 Iomraidhean Croise  

Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no, ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,


Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.


Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa, wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,


Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ, na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Woyɛ, na woyɛ yie, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.


AWURADE bɛwie di ama me, AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.


Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokorɛ daa.


AWURADE yɛ, na ɔtene, enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ ɔkwan soɔ.


Ao, AWURADE, w’adɔeɛ kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.


Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ daa nyinaa.


Adom ne nokorɛ bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ adi mfeano.


Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


AWURADE yɛ, ɔyɛ dwanekɔbea hiada mu, na ɔnim wɔn a wɔdwane kɔtoa no.


na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.


Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan