Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔtetɛ nsumaeɛ mu, ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɔtetɛ nsumaeɛ mu, ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔtɛw bɛn nkuraa no; ofi ahintawee kum nea onnim hwee, ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔtɛ wɔ nkuraase; ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee, na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔtetew nkuraa hintabea, odi nea ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, n'ani sa awiɛmfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:8
14 Iomraidhean Croise  

Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛeɛ, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani soɔ no.


Nhema na owudini sɔreɛ, ɔkum ɔmanehunufoɔ ne ohiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifoɔ.


Wɔtetɛ me, na afei wɔtwa me ho hyia, wɔde wɔn ani akari me pɛ m’asehweɛ.


Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ, na wɔdi nwisiaa awu;


Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea.


Nanso w’ani ne w’akoma nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne, ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam, ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ.


Wode mpɛmɛ hwire n’akofoɔ tirim, wɔtu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigyeɛ ne sɛ wɔbɛmene mmɔborɔni ahuntaeɛ mu.


Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.


Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho,


Na Sekemfoɔ maa nnipa kɔtɛɛ no mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no soɔ nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo deɛ, dane wo ho na ka asɔfoɔ no. Na Edomni Doeg danee ne ho na ɔkaa asɔfoɔ no kumm mmarima aduɔwɔtwe nnum a wɔhyɛ nwera asɔfotadeɛ da no ara.


Na monhwɛ nhu no, faako a ɔhuntahunta no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsane mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpempem nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan