Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho; ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:3
40 Iomraidhean Croise  

Na wo deɛ, boaboa ɛdɔm bi ano sɛ ɛdɔm a woahwereɛ no, apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asaseta so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa? Na ɔtiee wɔn, na ɔyɛɛ saa.


Sɛ mede sika mayɛ m’ahotosoɔ, na maka makyerɛ sika amapa sɛ m’anidasoɔ ne no,


Na wɔtrɛ wɔn anomu bayaa wɔ me so, wɔse: Wiɛ, wiɛ, yɛn ani ahunu!


Sɛ ɔhyira ne kra ne nkwa berɛ mu, nso wɔyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yie a,


Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyadeɛ so, na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho.


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ daa nyinaa.


Wɔka asɛmdenden, amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm.


Ɔtamfoɔ no kaa sɛ: Mɛti wɔn, mɛto wɔn, mɛkyɛ asase no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrantɛ, me nsa bɛsɛe wɔn.


Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.


Mahunu adeɛ nyinaa m’abrabɔ hunu nna mu: Ɔteneneeni bi wɔ hɔ a, ne tenenee nyinaa mu no, ɔyera firi hɔ, na ɔbɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyiri no, ɔtena ase kyɛre.


Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na wɔama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no.


N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ na mehwee no, mehuntae, na me bo fui; nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so.


Nanso w’ani ne w’akoma nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne, ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam, ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ.


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu.


Ɔnnue, deɛ ɔnya mfasoɔ bɔne ma ne fie, sɛ ɔde ne pirebuo bɛsi sorɔnsorɔmmea na wayi ne ho afiri mmusuo nsam no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie pɛpɛɛ ho! Na ɛnyɛ onipa adeɛ a wanya na aboro soɔ no mu na ne nkwa wɔ.


na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nnoɔma pa pii a wɔde asie ama mfirinhyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!


sɛ nnipa a adeɛ a ɛntene nyinaa, amumuyɛ, anibereɛ, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asutufoɔ,


Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.


awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no.


Ɛfiri sɛ monim dada sɛ odwamammɔfoɔ biara anaa efi adeyɛni anaa oniberefoɔ (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyadeɛ Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu.


na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom.


Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,


Enti monkum mo akwaa a ɛwɔ asase soɔ no, adwamammɔ, efideɛyɛ, akɔnnɔ nhyɛsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom.


Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kuro yi mu akɔdi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfasoɔ.


Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.


Monnnɔ wiase anaa nnoɔma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.


Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔborɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan