Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ, woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ, woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 AWURADE, wobetie nea ahobrɛasefo pɛ, wohyɛ wɔn koma den, na woama w'aso aba so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:17
28 Iomraidhean Croise  

AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa yei sie wo man akoma mu, adwene mu, nsusuiɛ mu, kɔsi daa, na siesie wɔn akoma bra wo nkyɛn.


Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyee sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, ɛfiri sɛ ntɛm so na wɔyɛɛ adeɛ yi.


Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.


sɛ w’akoma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Nyankopɔn anim, ɛberɛ a wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntadeɛ mu, asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.


wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.


Ɔyɛ deɛ wɔn a wɔsuro no no pɛ ma wɔn, na ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn.


AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.


na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo deɛ w’akoma pɛ.


sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.


Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.


Ɔbɔnefoɔ adeɛ a ɔsuro ara na ɛbɛba ne soɔ, na ateneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE.


Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


Saa ara nso na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn.


ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.


Ne mu na yɛnam ne ho gyidie so anya nnamyɛ ne kwan, ahotosoɔ mu.


Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.


Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Ɛfiri sɛ Awurade ani wɔ wɔn a wɔtene so, na n’aso abue ama wɔn mpaebɔ, na Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan