Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, sɛ wode bɛsie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ, awisiaa boafoɔ ne wo ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, sɛ wode bɛsie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ, awisiaa boafoɔ ne wo ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ ayisaa boafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow, sɛ wode besie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:14
35 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.


Na ɔse: Ma w’ani so hwɛ, adwennini no a wɔreforo nnwan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan: Ɛfiri sɛ mahunu deɛ Laban ayɛ woɔ nyinaa.


Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.


Ampa ara, mehunuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnora! AWURADE na ɔseɛ: Na mɛtua wo ɛso ka, asase yi so! AWURADE na ɔseɛ. Na afei ma no so to no twene asase yi so, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.


Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.


ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛtua ɔbɔnefoɔ ka ama ne bɔne abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.


AWURADE kora ahɔhoɔ, ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.


Mma me ne wo ntam nnware, na ahohia abɛn a ɔboafoɔ bi nni hɔ.


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa, wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.


AWURADE, woahunu, mmua w’ano, AWURADE, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri!


Dane w’adesoa to AWURADE so, na ɔbɛsɔ wo mu, ɔremma ɔteneneeni ntwe n’anan mu da.


Nwisiaa se ne akunafoɔ sɛnnifoɔ ne Onyankopɔn, ne tenabea kronkron mu.


Onyankopɔn ma ɔhokwafoɔ nya mpɔn-ne-mma, ɔtu apokyerɛfoɔ ma wɔbɛdi yie, na mansotwefoɔ deɛ, wɔte nkyɛkyerɛ so.


Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.


Monnhyɛ ɔbaakunafoɔ anaa awisiaa biara so.


Sɛ wogye wo yɔnko ntoma awowa a, sane fa ma no ansa na owia akɔtɔ,


AWURADE dwiri ahantanfoɔ fie, na ɔma okunafoɔ hyeɛ tim.


AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


Na m’ani hwɛ wɔn akwan nyinaa, ɛnhunta me, na wɔn amumuyɛ nso, ɛso nkataa m’anim.


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Gya wo nwisiaa hɔ, me na mɛgye wɔn nkwa, na w’akunafoɔ nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so.


Na ɔsɛefoɔ ba ɔno Babel so, na wɔkyekyere ne nnɔmmarima, wɔbubu wɔn tadua mu, ɛfiri sɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE, tua nso na ɔtua ka.


AWURADE, woahunu asɛmmɔne a wɔdii me; bu atɛn ma me!


Woahunu wɔn aweretɔ no nyinaa, wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.


Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so.


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne na wontumi nhwɛ ɔhaw, adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ, na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a, woyɛ komm?


ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho.


Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Enti nso wɔn a wɔhunu amaneɛ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ, na wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.


Momfa mo dadwene ne haw nyinaa nto ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.


Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan