Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 1:6
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.


Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo, abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.


Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.


Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, dwanekɔbea abɔ me, obiara mfa me kra nyɛ huu.


AWURADE kora ahɔhoɔ, ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.


Atamfoɔ awie sa adane daa amamfo, na woama nkuro ase ahye, na wɔn ho nkaeɛ ayera.


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene onipa ani soɔ, na n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Ɔbɔnefoɔ kwan yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na deɛ ɔdi tenenee akyi na ɔdɔ no.


AWURADE yɛ, ɔyɛ dwanekɔbea hiada mu, na ɔnim wɔn a wɔdwane kɔtoa no.


Monhyɛne ɔpono teateaa no mu; na ɔpono a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛeɛ mu no, na wɔn a wɔhyɛne mu no dɔɔso.


Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso nim me,


Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


Na yeinom deɛ, wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wɔka deɛ wɔnnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ara wɔn sɛeɛ mu,


Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan