Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu, na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu, na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano, na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano, na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Enti abɔnefo renni bem atemmu mu, na nnebɔneyɛfo renya kyɛfa treneefo asafo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 1:5
12 Iomraidhean Croise  

Hwan na ɔbɛforo AWURADE bepɔ no, na hwan na ɔbɛgyina ne tenabea kronkron hɔ?


Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho, anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.


Agyimifoɔ rennyina w’anim, wotane amumuyɛfoɔ nyinaa.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.


Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.


Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu,


Na ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaepae wɔn mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwanten ne mmirekyie mu.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


abɛbu wɔn nyinaa atɛn, na wabu wɔn mu amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, wɔn amumuyɛdeɛ a wɔyɛeɛ nyinaa ne wɔn atirimuɔdensɛm a nnebɔneyɛfoɔ amumuyɛfoɔ no ka de tiaa no nyinaa ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan