Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

37 Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Nnɔbae a ebu so boro so no nyinaa akodi ahemfo a esiane yɛn bɔne nti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwi so tumi. Yɛsom wɔn sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Afudeɛ a ɛbu so boro so no nyinaa akɔdi ahemfo a ɛsiane yɛn bɔne enti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwie so tumi. Yɛsom wɔn sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 Na ɛma nnɔbae pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so, yɛn bɔne mu no, na wodi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:37
11 Iomraidhean Croise  

Enti ma ɔhene nhunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔmema n’afasuo so sisi hɔ a, ɛnneɛ wɔremma ɛtoɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ bio, na ɛbɛyɛ no na w’ahennie mu toɔgyeɛ abrɛ ase.


Na me na merehyɛ makyerɛ deɛ monyɛ mma Yudafoɔ mpanimfoɔ no na wɔnsi Nyankopɔn fie no: Ɛne sɛ, ɔhene nnoɔma a ɛne asuogya toɔ no, wɔmfa mu bi ntua ahweredeɛ no ka pɛpɛɛpɛ mma mmammarima no, na amma wɔannyae.


Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Nyankopɔn fie no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ɔgye wɔn toɔ, amanneɛ anaa akwanneɛ.


na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.


Wɔkura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ, yɛbrɛ, wɔmma yɛnnya ahomeyɛ.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ?


W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa;


Wobɛtɛ bobe nturo na woadɔ mu, na nsa deɛ, worennom, na woremmoa aba no ano, ɛfiri sɛ mmoa bɛdi.


wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo soɔ no, ɛkɔm ne sukɔm ne adagya ne nnoɔma nyinaa mu hia mu; na ɔde dadeɛ kɔnnua bɛto wo kɔn mu akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ.


Na wɔbɛdi wo mmoa mma ne w’asase so aba akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ, na wɔrennya w’aburoo, nsa anaa ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma, kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan