Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfo, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛde ne wo kɔkɔbɔ dennen no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfoɔ, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛdeɛ ne wo kɔkɔbɔ denden no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:34
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.


Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wɔgyaa no, na wɔyii wɔn ani firii AWURADE tenabea no ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.


Na afei, ɛdeɛn na yɛnka, yɛn Nyankopɔn, yei akyi? Sɛ yɛagya wo mmara nsɛm no


Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.


Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.


Nanso wɔn ahennie mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ sradeɛ a wode maa wɔn no, wɔansom wo, na wɔansane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no mu.


ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm nie, sɛ mesomaa me nkoa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn nkyɛn, metuaa nhema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm nie.


na mmom yɛbɛyɛ biribiara a yɛaka sɛ yɛbɛyɛ, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahemfo ne yɛn asafohene yɛeɛ, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno soɔ a aduane meemee yɛn, na yɛdii yie na yɛanhunu bɔne biara no.


Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi.


Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:


Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.


Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan