Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

28 Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 “Nanso na nneɛma nyinaa rekɔ so yiye no, wo manfo san kɔɔ bɔne mu bio, na wosan maa wɔn atamfo dii wɔn so. Nanso bere biara a wo nkurɔfo besu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wufi ɔsoro tiee wɔn bio. Wʼahummɔbɔ nwonwaso nti, wugyee wɔn ntoatoaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 “Nanso, na nneɛma nyinaa rekɔ so yie no, wo manfoɔ sane kɔɔ bɔne mu bio, na wosane maa wɔn atamfoɔ dii wɔn so. Nanso, ɛberɛ biara a wo nkurɔfoɔ bɛsu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wotiee bio firi ɔsoro. Wʼahummɔborɔ nwanwa enti, wogyee wɔn ntoatoasoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

28 Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan su frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:28
12 Iomraidhean Croise  

wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akomam no; na wo ara wo nko na wonim nnipa mma nyinaa akoma mu,


Na wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so, na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase.


Na ɔgyee yɛn firii yɛn ahohiahiafoɔ nsam, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.


Na sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔsane wɔn akyi na wɔsɛe sene wɔn agyanom, di anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumuyɛ ne wɔn kɔnseneeɛ kwan so nanteɛ.


Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduɔwɔtwe.


Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan