Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Enti wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa. Nanso wɔn amanehunu mu no, wosu frɛɛ wo, na wutiee wɔn fi ɔsoro. Na ahummɔbɔ a ɛso mu na wosomaa agyefo a wogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Enti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa. Nanso, wɔn amanehunu mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wotiee wɔn firi ɔsoro. Na ahummɔborɔ a ɛso mu, wosomaa agyefoɔ a wɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafo nsa, na wohiahiaa wɔn ho; na wɔn ahohiahia bere mu no, wosu frɛɛ wo, na wo de, wufi soro tiee wɔn, na sɛ wo mmɔborohunu kɛse te no, wode agyefo maa wɔn, na wogyee wɔn fii wɔn ahohiahiafo no nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:27
19 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE maa Israel ɔgyefoɔ, na wɔfirii Siriafoɔ nsa ase, na Israel mma tenaa wɔn ntomadan mu sɛ akane no.


Nso na AWURADE nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din afiri ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn.


Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ.


na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na monsuro no, na ɔno na ɔbɛyi mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.


Na ɔyii Kaldeafoɔ hene no baa wɔn so, na ɔde nkrantɛ bɛkunkumm wɔn mmeranteɛ, wɔ wɔn kronkronbea fie, na wanni aberanteɛ ne ababaa, akɔkoraa ne deɛ wafu dwono ho adɔna, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


wo deɛ, wo mmɔborɔhunu bebree nti woannya wɔn ɛserɛ no so, mununkum dum no amfiri wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛre ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ.


Na ɔgyee yɛn firii yɛn ahohiahiafoɔ nsam, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


Na agyefoɔ bɛforo aba Sion bepɔ so na wɔabɛdi Esau bepɔ so, na ahennie no bɛyɛ AWURADE dea.


Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan