Nehemia 9:25 - New Revised Asante Twi Bible25 Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron25 Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm25 Yɛn agyanom faa nkurow a wɔabɔ ho ban ne nsasebere no. Wɔfaa afi a nnepa wɔ mu ne asuten a wɔatutu dedaw no ne bobeturo ne ngofuw ne nnuabafuw no bebree. Enti wodidii ara kosii sɛ wɔdodɔ yɛɛ akɛse, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm25 Yɛn agyanom faa nkuro a wɔabɔ ho ban ne nsase bereɛ no. Wɔfaa afie a nnepa wɔ mu ne nsuseneeɛ a wɔatutu dada no ne bobefuo ne ngofuo ne nnuabafuo no bebree. Enti, wɔdidiiɛ ara kɔsii sɛ wɔdodɔreeɛ, yɛɛ akɛseɛ, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON25 Na wogyigyee nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade, na wonyaa afi a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔree, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wodi bebree. Na wodii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛse, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛse no mu. Faic an caibideil |