Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na mpo, ahemfo ne Kanaanfo a wɔtenaa asase no so no tumi sae. Wo nkurɔfo ne wɔn dii no sɛnea wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na, mpo, ahemfo ne Kanaanfoɔ a wɔtenaa asase no so no tumi saeɛ. Wo nkurɔfoɔ ne wɔn dii no sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na mma no baa so bedii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofo, Kanaanfo no, ase wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahene ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛnea wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:24
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim?


Na Yudafoɔ no de afena ano ne okum ne ɔsɛeɛ kaa wɔn atamfoɔ nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛdeɛ wɔpɛ.


Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn bɛkɔ soɔ, na wɔahunu asase a moto ho pe no.


na wɔn ani so atete afiri ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ deɛ ɔpɛ no afidie mu.


Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Eglonhene, Geserhene,


Tirsahene, — ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn nananom no nyinaa maa Israel, na wɔdii so tenaa so.


Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fie no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.


Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaanhene Yabin ase da no ara wɔ Israelfoɔ anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan