Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo somfo Mose so hyɛɛ wɔn sɛnea wonsi nni wʼahyɛde ne wo mmara no nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo ɔsomfoɔ Mose so hyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsi nni wʼahyɛdeɛ ne wo mmara no nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na woma wohuu wo homeda kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛde ne mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:14
17 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.


Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo deɛ, mofom a, me nso mɛbɔ mo apete aman mu.


Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.


Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔ no so bɛtena ha, na mɛma wo aboɔpono ne mmara ne ahyɛdeɛ a matwerɛ, na woakyerɛkyerɛ wɔn.


Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.


Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no.


na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na monhunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Mo mu biara mmu ne na ne n’agya, na monni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Yeinom ne adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a Israelfoɔ firii Misraim baeɛ no, Mose ka kyerɛɛ wɔn


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


Na wo deɛ, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan