Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛnea wobehu kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛdeɛ wɔbɛhunu ɛkwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wode omununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam so no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:12
12 Iomraidhean Croise  

wo deɛ, wo mmɔborɔhunu bebree nti woannya wɔn ɛserɛ no so, mununkum dum no amfiri wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛre ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ.


Ɔtrɛɛ mununkum mu yɛɛ nkatasoɔ, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.


na ɔde wɔn faa ɔkwantenenee so sɛ wɔnkɔ kuro a wɔbɛtumi atena mu so.


Ma mente w’adɔeɛ anɔpa, na wo so na mede me ho metoɔ. Ma menhunu kwan a memfa soɔ, na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.


Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde ogya kanea nso gyaa wɔn.


Wode w’adɔeɛ gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.


Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


Saa na na ɛyɛ daa, mununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.


Na sɛ ebia mununkum no gyina firi anwummerɛ kɔsi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wɔtu; na sɛ awia ne anadwo na mununkum no ma ne ho so a, wɔtu;


nanso ɔno na na ɔdi mo anim ɔkwan soɔ sɛ ɔrekɔsra mo nsrabankyerebea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa soɔ, mununkum mu awia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan