Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wopaee po mu maa wo nkurɔfo, sɛnea wobetumi afa asase wosee so. Na wusum wɔn atamfo guu po bun mu. Wɔmemem sɛ abo wɔ bun a emu dɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wopaee ɛpo mu maa wo nkurɔfoɔ, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa asase wesee so. Na wopuaa wɔn atamfoɔ guu ɛpo bunu mu. Wɔmemem sɛ aboɔ wɔ nsubunu a emu dɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu, wɔn anim ma wɔfaa ɛpo no mu, asase kesee so, na wɔn a wotiw wɔn no de, wotow wɔn guu abun no mu, sɛ wɔtow ɔbo kyene nsu a emu dɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:11
16 Iomraidhean Croise  

Ɔmaa ɛpo danee asase pɛsɛɛ, wɔde anammɔn twaa asu kɛseɛ, ɛno nti yɛn ani gye ne ho.


Ɔpaee ɛpo mu de wɔn twaa mu, na ɔmaa nsuo gyinaa sɛ ekuo.


AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm!


na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.


Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.


Wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ Misraim asase so de bɛsii nnɛ da yi, ne Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Anuanom, mempɛ sɛ mede sie mo sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ mununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,


Gyidie na wɔde twaa Mmɛwa Po no sɛ fam a awoɔ. Ɛno na Misraimfoɔ resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn.


Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ: Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel atwene hwii ne no, na wɔrenhunu bio koraa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan