Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:9
30 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.


ɛsiane sɛ w’akoma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee deɛ maka no, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, sɛ wɔbɛdane amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntadeɛ mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.


Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara.


Na Hesekia kaa Lewifoɔ a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wɔdii afahyɛ afɔrebɔdeɛ no nnanson, na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.


Monkɔ nkɔbisa AWURADE hɔ adeɛ mma me ne Israel ne Yuda mu nkaeɛ, nwoma a wɔahunu no mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuo a wɔahwie agu yɛn soɔ no so, sɛ yɛn agyanom anhwɛ AWURADE asɛm anyɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa ho nti.


Na ɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa nhunumu na wɔyɛ akronkronfoɔ ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmɛsi efie a Israelhene Salomo, Dawid ba, siiɛ no mu. Morensoa no mo mmatiri so bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel.


Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.


Na nwoma a Ɔhene Artasasta de maa Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsususoɔ nie:


Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,


Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.


Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ.


Na agyanom atitire no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho adeɛ: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkoraa aduonum, asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akoradeɛ no mu.


Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.


esu wɔ ne berɛ, na sereɛ wɔ ne berɛ; abooboodie wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ;


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan nyɛ mo homeda, totorobɛntohyɛn nkaeɛ, nhyia kronkron;


Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio.


Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.


Na me deɛ, makwati mmara no matena ase pɛn; nanso mmara asɛm no baeɛ no, bɔne nyanee bio;


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ.


na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.


Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no;


mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa.


Monni abooboo, na mo werɛ nho, na monsu! Mo sereɛ nnane awerɛhoɔ, na mo anigyeɛ nnane anatoɔ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan