Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn, a asɛm no nti wɔyɛeɛ no so. Na Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn, a asɛm no nti wɔyɛeɛ no so. Na Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔkyerɛwfo Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn a asɛm no nti, wɔyɛe no so. Na Matitia ne Sema ne Anaia ne Uria ne Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia ne Misael ne Malkiya ne Hasum ne Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:4
16 Iomraidhean Croise  

Na Salomo ayɛ kɔbere mfrafraeɛ simpie bi de asi abannwa no mfimfini. Ne ntwemu basafa mmienu ne fa na ne terɛ basafa mmienu ne fa, na ne korɔn basafa baako ne fa, na ɔkɔgyinaa so. Na ɔkotoo ne nankoroma anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ ɔsoro,


ne Bani mma mu; Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot;


Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei.


Magpias, Mesulam, Hesir,


Rehum, Hasabna, Maaseia,


Pasur, Amaria, Malkia,


Mesulam, Abia, Miyamin,


Ne Baruk ba Maaseia, Kol-hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba.


Na Benyamin mma nie: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba;


Esra deɛ: Mesulam; Amaria deɛ: Yehohanan;


Na ɔkenkanee wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono anim no so firi anɔpa kɔsii awigyina, mmarima ne mmaa ne wɔn a wɔbɛtumi ate aseɛ no anim. Na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nwoma no mu nsɛm no.


Na Esra buee nwoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na ɔbuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae.


Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkann AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nwoma no mu adekyeeɛ mu nkyɛmu nnan mu baako, na nkyɛmu nnan mu baako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotoo AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.


sɛ: Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan