Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:2
14 Iomraidhean Croise  

wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa;


Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,


Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.


Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.


Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.


Hwan na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hwan nso na ɔbɛma no ate asɛnka aseɛ? Wɔn a wɔatwa wɔn nufoɔ, wɔn a wɔate wɔn afiri mpokua ano?


Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan nyɛ mo homeda, totorobɛntohyɛn nkaeɛ, nhyia kronkron;


Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da.


Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.


Na sɛ ɔte n’ahennie adwa so a, ɔnhwɛ mmara yi nwoma a ɛda asɔfoɔ ne Lewifoɔ anim no so ntwerɛ bi mfa;


Deɛ Mose hyɛeɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan no Israel dwabɔ nyinaa ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhɔhoɔ a ɔnam wɔn mu no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan