Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyini wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Momfiri adi nkɔ mmepɔ so nkɔfa ngodua mman ne kranku mman ne ohwannua mman ne berɛ ne nnua kusukusuu mman, na momfa mmɛbobɔ asese sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyini wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Momfiri adi nkɔ mmepɔ so nkɔfa ngodua mman ne kranku mman ne ohwannua mman ne berɛ ne nnua kusukusuu mman, na momfa mmɛbobɔ asese sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Waka se, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔhyɛ no ho dawuru wɔ wɔn nkurow nyinaa so, ne titirw no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfo no se, wɔnkɔ nkoko so nkɔhwehwɛ ngodua mman, kranku mman, ohuamnnua mman, bere ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Waka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ nhyɛ no ho dawuro wɔ wɔn nkuro nyinaa so, ne titire no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfoɔ no sɛ, wɔnkɔ nkokoɔ so nkɔpɛ ngo dua mman, kranku mman, ohwannua mman, ɛberɛ ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyin wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Mumfi adi nkɔ bepɔw so nkɔfa ngodua abaa ne kranku abaa ne ohuannua abaa ne berɛw ne nnua kusukusuu abaa, na momfa mmɛbobɔ asese sɛ wɔakyerɛw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:15
9 Iomraidhean Croise  

Na aburuburo no baa ne nkyɛn anwummerɛ, na hwɛ, ngo dua ahahan frɔmfrɔm tua n’ano. Noa hunuu sɛ nsuo no awe asase so.


Yeinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmerɛ mu no:


Na ɛda a ɛdi kan no, momfa nnua afɛfɛ so adeɛ, ɛberɛ ne nnua kusuu mman ne nsunoa nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnanson.


Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?


Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu


wɔfefaa berɛ, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia no, na wɔteateaa mu sɛ: Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!


Afirinhyia baako mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ. Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmɛyi wɔn ho adi AWURADE anim.


Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan