Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no yɛ ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no yɛ ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:10
32 Iomraidhean Croise  

Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.


Anidie ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea.


Na Lewifoɔ no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnho mo ho.


Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.


Enti Yudafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no, wɔn a wɔtete nkuro a ɛho nni afasuo mu no de bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no yɛ anigyeɛ ne apontoɔ da ne dapa a wɔde nnoɔma mema wɔn ho wɔn ho.


sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.


Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie.


Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo, na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.


Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa, na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu.


Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.


Biribi pa biara nna hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa ne brɛ no mu; yei nso mahunu sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire;


nanso sɛ onipa biara didi nom hunu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Nyankopɔn akyɛdeɛ ne no.


Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia yi aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa.


Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.


Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Na afei AWURADE se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na mo, Sion mma, monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata, na ɔma osuo tɔ ma mo, asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.


na Yerusalem ne Yuda nkukuo nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE fie bio ɛda no.


Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.


ɛfiri sɛ, wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛseɛ mu no, wɔn anigyeɛ buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, wɔyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛe;


Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ honam mu biribi a mede me ho bɛto soɔ. Sɛ ɔfoforɔ bi susu sɛ ɔwɔ honam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bie.


Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.


Bisabisa wo mmeranteɛ no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmeranteɛ no nnya w’anim adom, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa deɛ ɛwɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan