Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:65 - New Revised Asante Twi Bible

65 Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

65 Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de urim ne tumim bɛkyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

65 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

65 Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

65 Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnni akronkronne mu ade kronkron no bi nkosi sɛ ɔsɔfo bi de Urim ne Tumim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:65
16 Iomraidhean Croise  

Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.


Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,


yeinom hwehwɛɛ wɔn mmusua atwerɛ, na wɔanhunu. Na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu.


Badwa mu no nyinaa ano si mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia,


Na agyanom atitire no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho adeɛ: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkoraa aduonum, asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akoradeɛ no mu.


Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.


Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa.


Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.


Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Wɔmmfa mmɔreka mmfra nnto. Wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔdeɛ mu ne no; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ.


na ɔde adaaboɔ no hyehyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim no hyɛɛ adaaboɔ no mu;


Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.


Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ: Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no, deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ na wo ne no ham Meriba asuo ho no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan