Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Eyinom ne ɔmantam no mufo a wofi nnommum a, Babel hene Nebukadnesar de wɔn kɔe no mu foro bae na wɔsan baa Yerusalem ne Yuda kokɔɔ wɔn nkurow mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:6
10 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne wɔn a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn kɔe.


Ma ɔhene nhunu sɛ yɛsii mu kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie hɔ, na wɔde aboɔ akɛseɛ resi, na wɔde nnua agugu afasuo no so, na adwuma no a wɔreyɛ no rekɔ so, na ɛrekɔ so yie wɔ wɔn nsam.


Nso, kuro Ekbatana a ɛwɔ Media mansini mu na wɔkɔhunuu nwoma mmobɔeɛ, a wɔatwerɛ asɛm bi wɔ mu sei sɛ:


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.


Wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, Baana na ɛbaeɛ. Israel man mu mmarima dodoɔ nie:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan