Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:5
15 Iomraidhean Croise  

Yeinom hwehwɛɛ wɔn din wɔ mmusua ntwerɛeɛ mu, na wɔanhunu, na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu.


Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene akoma mu, sɛ ɔde rebɛhyehyɛ AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no,


Ao, Me Nyankopɔn, mesrɛ wo, kae ma me yiedie wɔ deɛ ɔman yi nti meyɛeɛ no nyinaa ho.


Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.


Na na kuro no mu bae tɛtrɛtɛɛ na ɛso, na nnipa a wɔwɔ mu no sua, na adan no nso, na wɔnsisii.


yeinom hwehwɛɛ wɔn mmusua atwerɛ, na wɔanhunu. Na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu.


Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.


Fa w’akwan nyinaa hyɛ ne nsa, na ɔno na ɔbɛtene w’akwan.


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛbɛsusu ahunu biribi sɛdeɛ ɛfiri yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no firi Nyankopɔn mu.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito akoma mu.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.


Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan