Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛbaa sɛ wɔtoo afasuo no, na mesii apono no, wɔhyehyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ ne Lewifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛbaa sɛ wɔtoo afasuo no, na mesii apono no, wɔhyehyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ ne Lewifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ wɔtoo afasu no no, na misii apon no, wɔhyehyɛɛ aponanohwɛfo ne nnwontofo ne Lewifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:1
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔba bɛfrɛɛ kuro no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafoɔ nsraban mu, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne mfunumu a wɔasesa wɔn ne ntomadan no, sɛdeɛ ɛteɛ.


Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu.


Na wɔbaa AWURADE fie ho wɔ Yerusalem afe a ɛtɔ so mmienu mu bosome a ɛtɔ so mmienu soɔ no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkaeɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa firii aseɛ, na wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no so.


Na Israelfoɔ ne Lewifoɔ no nyinaa mfa aduane ne nsa ne ngo mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinneɛ ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ; na yɛrennya yɛn Nyankopɔn fie no.


Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.


Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo:


Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano),


Na wɔde nna aduonum mmienu na wɔwiee ɔfasuo no bosome Elul da a ɛtɔ so aduonu nnum mu.


Nso wɔbɛkaa ne nnwuma pa wɔ m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nwoma no deɛ, Tobia de manee sɛ ɔde rebɛyi me hu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan