Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Huna na na wɔpɛ sɛ wohunahuna yɛn. Na wususuw sɛ wobetumi abu yɛn aba mu na yegyae adwuma no yɛ. Ɛno nti, mebɔɔ mpae sɛ menya ahoɔden de atoa dwumadi no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔn nyinaa, ehu nko na woyi yɛn sɛ: Wɔn nsam begow afi adwuma no ho na wɔanyɛ. Na afei, hyɛ me nsam den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:9
23 Iomraidhean Croise  

Na mo deɛ, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngo, na wɔbɛtua mo adwuma so ka.


Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu frɛɛ Yerusalem man a wɔwɔ ɔfasuo soɔ no, sɛ wɔreyi wɔn hu na wɔasuro binim na wɔanya kuro no afa.


Na wɔn a na wɔtete wɔn ho hyia nyinaa de dwetɛ nnwinneɛ, sika ne afideɛ ne mmoa aboɔdenneɛ hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamyi adeɛ no nyinaa.


Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.


Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so, wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden.


Ɛda a mesuro no, mede me ho metwere wo.


Nyankopɔn, wo ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu, Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne man. Nhyira ne Onyankopɔn.


Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ, m’anim rengu ase da biara da.


Ɔno na ɔma deɛ wabrɛ tumi, na ɔma deɛ ɔnni home ahoɔden dɔɔso.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne.


Na mɛhyɛ Babel hene abasa mu den, na mede ne nkrantɛ ahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtofoɔ pene n’anim.


Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.


na ɔsee me sɛ: M’adom dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu. Enti mede anigyeɛ pii mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.


sɛ ɔmfiri n’animuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipa su no mu;


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.


Enti momma nsa a emu agoɔ ne nkotodwe a ahodwo no mu nyɛ den bio.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinasoɔ.


Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan