Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mibuae se, “Wunim sɛ woretwa atoro. Asɛm a woreka no, nokware baako koraa nni mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna mesoma mekɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:8
12 Iomraidhean Croise  

Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina.


Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa, ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa.


N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛsua ne papayɛ.


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm, na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.


Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ.


Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.


Na ahemfo baanu no deɛ, wɔn akoma bɛdwene asɛmmɔne na wɔaka atorosɛm didipono baako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfasoɔ biara, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba ara ɛberɛ a wɔahyɛ no mu.


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Na Paulo kaa sɛ: Kaesare asɛnnie adwa anim na megyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wɔbu me atɛn, na Yudafoɔ deɛ, menyɛɛ wɔn bɔne biara, sɛdeɛ wo nso wonim yie.


Na ɔbaeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no bɛtwaa ne ho kanko, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wɔantumi ankyerɛ aseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan