Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na krataa no mu nsɛm ni: “Gesem aka akyerɛ me se, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafo no repam atew atua; ɛno nti na woresiesie ɔfasu no. Nea ɛka ho ne sɛ, wopɛ sɛ wubedi wɔn so hene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na krataa no mu nsɛm nie: “Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:6
16 Iomraidhean Croise  

Ma ɔhene nhunu sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri wo nkyɛn foro baa yɛn nkyɛn no aba Yerusalem, na wɔabɛkyekyere atuateɛ kuro bɔne yi, na ɛho afasuo nso wɔamema so asisi hɔ, na wɔamiamia ne fapem no mu.


sɛ ma wɔnhwehwɛ w’agyanom nkaeɛ nwoma mu, na wɔbɛhu no nkaeɛ nwoma no mu sɛ kuro yi yɛ atuateɛ kuro a ɛsɛe ɔhene ne amantam adeɛ, na wɔatwe ho manso firi tete mmerɛ no mu nti, na wɔbɔɔ kuro no.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?


Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.


Ɛnna Sanbalat somaa ne somfoɔ maa no baa me nkyɛn deɛ ɛtɔ so nnum, na nwoma a ano da hɔ kura ne nsam.


Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina.


Na mate nnipa pii nsekudie, ehu wɔ afa nyinaa, wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyegye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.


Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ.


Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.


Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata.


Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛdeɛ wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse:) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛdeɛ ɛfata.


animuonyam ne animguaseɛ mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifoɔ, nanso wɔyɛ nokwafoɔ;


ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan