Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me se, minhyia wɔn wɔ nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tataw so hɔ. Nanso mihuu sɛ wɔrepam me ti so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me sɛ, menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu sɛ wɔrepam me tiri so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:2
15 Iomraidhean Croise  

Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.


Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.


Na Elpaal mma ne: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne ɛho nkurowa,


Lod ne Ono, adwumfoɔ tenaa bonhwa mu.


Ɔno so na asɔfoɔ no, Yordan nsunoafoɔ no, bɛtoaa so miamiaa mu.


Na mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛseɛ na mereyɛ yi, na merentumi mensiane memma. Ɛdeɛn nti na adwuma no nna hɔ na mennya no hɔ nsiane mmra mo nkyɛn?


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.


Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu ne so,


Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni, na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.


Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrantɛ bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panin no kumm no.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan