Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:9
21 Iomraidhean Croise  

Na Abraham kaa sɛ: Ɛfiri sɛ mesusuu sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wɔbɛku me.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ yei, na montena ase, na me deɛ, mesuro Onyankopɔn.


Nanso sɛ wode asɛm a woadie yi ama AWURADE atamfoɔ anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara a, ɔba a wɔawo no ama woɔ no bɛwu.


Tie, yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛabɔ adapaa, na dane wɔn ahohora bua wɔn atifi, na fa wɔn yɛ asadeɛ nnommumfa asase so,


Na me nso, me nuanom ne m’asomfoɔ, yɛafɛm wɔn sika ne aduane, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.


Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.


Hwan na ɔhunu w’abufuo ano den a ɛyɛ, ne w’anibereɛ, sɛ wo ho suro teɛ?


Omimdifoɔ sisi ne yɔnko, na ɔde no fa kwan a ɛnyɛ so,


Sɛ wɔgye ɔteneneeni hɔ mmaratodeɛ a, ɛnyɛ, na sɛ wɔhwe adɛɛfoɔ a, ɛnyɛ koraa.


Ɛnyɛ sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefoɔ anim, na wɔdane ɔteneneeni asɛm ani atemmuo mu.


Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne.


Yeinom nso yɛ anyansafoɔ dea: Atemmuo mu animhwɛ nyɛ.


Na wɔduruu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wɔguu me din kronkron no ho fi, sɛ wɔkaa no wɔ wɔn ho sɛ: AWURADE man ne yeinom, nanso wɔafiri n’asase so kɔ.


Nnye ne hɔ mfɛntomu, na nhuri ne ka a ɔde woɔ no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.


Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no.


Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware wo mma di efie soɔ, na wɔamma ɔtamfoɔ ho kwan sɛ ɔnni atɛm;


na wɔadwene adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afie yie, ayɛ adɛɛfoɔ, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ara wɔn kununom, na wɔanka Nyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na meteɛ yi; moma AWURADE man no fom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan