Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yɛfiri abusua korɔ mu, na yɛn mma te sɛ wɔn deɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yɛanya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmammaa bi dada, na yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn mfuo ne bobefuo asisi awowa ama afoforɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:5
10 Iomraidhean Croise  

Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ bosome.


Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ. Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, ɛfiri sɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no.


Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi, na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie, sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa?


Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan