Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene toɔ, yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene toɔ, yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afoforo nso kae se, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuw ne bobeturo bo yɛ pɛ de atua yɛn sonkahiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuo ne bobefuo ano boɔ yɛ pɛ, de atua yɛn apeatoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ebinom nso se: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene tow, yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:4
9 Iomraidhean Croise  

wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no, Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi.


Enti ma ɔhene nhunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔmema n’afasuo so sisi hɔ a, ɛnneɛ wɔremma ɛtoɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ bio, na ɛbɛyɛ no na w’ahennie mu toɔgyeɛ abrɛ ase.


Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.


Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Nyankopɔn fie no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ɔgye wɔn toɔ, amanneɛ anaa akwanneɛ.


Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo ne yɛn afie resisi nwowa apɛ ɛkɔm ano aduane.


Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu.


Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.


Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan