Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:2
11 Iomraidhean Croise  

Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no nyinaa so.


Na ɔse: Monhwɛ, mate sɛ aduane wɔ Misraim. Monsiane nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu.


Na Yuda ka kyerɛɛ n’agya Israel sɛ: Ma abɔfra no ne me nkɔ, na yɛnsim nkɔ, na yɛne wo ne yɛn mma atena ase, na yɛanwu.


Adɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w’anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduane, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao. Ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.


Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo ne yɛn afie resisi nwowa apɛ ɛkɔm ano aduane.


Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.


Nnye wo nua mfɛntomu wɔ sika, aduane mfɛntomu, anaa wɔ biribiara ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan