Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na deɛ wɔnoa da koro nie: Nantwinini baako ne nnwan a wɔadɔ nsia, na ntakraboa na wɔsiesie ma me, na dadu mu prɛko, nsa ahodoɔ bebree bu so. Nanso yei mu no, mammisa amrado aduane, ɛfiri sɛ na ɔsom no yɛ duru wɔ ɔman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na deɛ wɔnoa da koro nie: Nantwinini baako ne nnwan a wɔadɔ nsia, na ntakraboa na wɔsiesie ma me, na dadu mu prɛko, nsa ahodoɔ bebree bu so. Nanso yei mu no, mammisa amrado aduane, ɛfiri sɛ na ɔsom no yɛ duru wɔ ɔman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwi baako, nguan akɛse asia ne nkokɔ bebree. Na nnafua du biara, na ɛsɛ sɛ yenya nsa ahorow nyinaa bi. Nanso mannye amrado akɔnhamabɔde biara, efisɛ na ɔmanfo no wɔ ahokyere mu dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwie baako, nnwan akɛseɛ nsia ne nkokɔ bebree. Na dadu biara, na ɛsɛ sɛ yɛnya nsã ahodoɔ nyinaa bi. Nanso, mannye amrado akɔnhomabɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, na ɔmanfoɔ no wɔ ahokyere mu dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na nea wɔnoa da koro ni: Nantwinini biako ne nguan a wɔadɔ asia, na ntakraboa na wosiesie ma me, na dadu mu pɛnkoro nsa ahorow bebree. Nanso eyi mu no, mammisa amrado aduan, efisɛ ɔsom no yɛ duru ɔman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:18
6 Iomraidhean Croise  

Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ.


Ɔbɔnefoɔ fɛm, na ɔntua, na ɔteneneeni hunu mmɔbɔ, na ɔma.


Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.


nanso yɛanni obiara aduane kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan