Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Eyi nyinaa akyi no, wɔtoo ɔfasu no kosii dedaw no sorokɔ fa twaa kurow no ho hyiae, efisɛ ɔmanfo no yɛɛ adwumaden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na yɛtoo ɔfasu no, na wɔtoatoaa ɔfasu no nyinaa koduu ne fa so, na ɔman no nyaa koma pa de yɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:6
13 Iomraidhean Croise  

Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.


Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.


Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyee sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, ɛfiri sɛ ntɛm so na wɔyɛɛ adeɛ yi.


na nkata wɔn amumuyɛ so, na wɔn bɔne nso, mma wɔmmpepa no w’anim, na wɔafu wo bo abantofoɔ no anim.


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,


Na wɔde nna aduonum mmienu na wɔwiee ɔfasuo no bosome Elul da a ɛtɔ so aduonu nnum mu.


Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


Yerusalem a wɔakyekyere no sɛ kuro a ɛtoatoam yie.


Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie,


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan