Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Amonni Tobia a na ogyina ne nkyɛn kae se, “Saa abo fasu yi de, sɛ sakraman koraa fa so a, ebedwiriw agu fam!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Amonni Tobia a na ɔgyina ne nkyɛn kaa sɛ, “Saa aboɔ ɔfasuo yi deɛ, sɛ sakraman koraa fa so a, ɛbɛdwiri agu fam!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Amonni, Tobia a ogyina ne nkyɛn no kae sɛ: Yiw, nea wɔreto yi mpo, sɛ sakraman foro a, obebubu wɔn abo fasu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:3
8 Iomraidhean Croise  

Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ: Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ. Anyame no nkum me sɛ manyɛ a.


Na ɔse: Sɛ ɔmannwoeɛ so na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono.


Na afei bra na ɛne me wura Asiriahene nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpem mmienu, sɛ wobɛtumi anya nnipa atenatena wɔn so anaa.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?


Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano),


Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti, ɛserɛ so kraman nenam so.


Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan