Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mehwɛɛ sɛnea nneɛma te no, mefrɛɛ ntuanofo no ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro atamfo no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na misee mmakoma ne mpanyimfo ne ɔman no nkae sɛ: Munnsuro wɔn anim, AWURADE kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:14
34 Iomraidhean Croise  

Hyɛ wo ho den na ma yɛnko sɛ mmarima mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro. Na AWURADE nyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Monhyɛ mo ho den na mo ho nyɛ den, monnsuro na mo akoma nntu Asiriahene no ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na deɛ ɔne yɛn wɔ hɔ no so sene deɛ ɛne no wɔ hɔ.


na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,


Atifi fam asase so na sika firi ba, Nyankopɔn ho na animuonyam a ɛyɛ hu wɔ.


Mekae tete nna, medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho, mesusu wo nsa ano nnwuma ho.


Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.


AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ?


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Wode asɛntenenee a ɛyi hu bua yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo na asase ano nyinaa ani da wo soɔ, ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so.


Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.


Mommra mmɛhwɛ Nyankopɔn nneyɛɛ, n’adeɛ a ɔyɛ de di nnipa mma soɔ yɛ hu.


AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm!


na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.


Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;


Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusuo no, ɔde tɛkyerɛmakyene bɛsɛe wɔn ara; nanso wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn ho den, na wɔayɛ adeɛ.


Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.


AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.


Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.


Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no; nsuro, na mma w’akoma nntu.


Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn, ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ;


Na ɛma yɛde nnamyɛ ka sɛ: Awurade ne me boafoɔ, merensuro. Onipa bɛtumi ayɛ me deɛn?


Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.


Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan