Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Enti mede awɛmfo a wokura akode kɔtenaa baabi a ɔfasu no yɛ tia, wɔ mmeaemmeae a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuw no gyinagyinaa sɛ awɛmfo a, wokurakura afoa, mpeaw ne agyan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Enti, mede awɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ kɔtenaa baabi a ɔfasuo no yɛ tia, wɔ mmeammea a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuo no gyinagyinaa sɛ awɛmfoɔ a wɔkurakura akofena, mpea ne nnyan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna mede nnipa misisii ase ase hɔnom, ɔfasu no akyi, nea ɛhɔ da hɔ no, na mede ɔman no misisii sɛ wɔn mmusua te, wɔde wɔn nkrante ne wɔn mpeaw ne wɔn ta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:13
10 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.


Na mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛseɛ na mereyɛ yi, na merentumi mensiane memma. Ɛdeɛn nti na adwuma no nna hɔ na mennya no hɔ nsiane mmra mo nkyɛn?


Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie, ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan