Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yuda kae sɛ: Nnosoasoafo no ahoɔden so ahuan, na afabo no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto afasu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:10
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔyɛɛ wɔn mu mpemaduɔson nnesoafoɔ ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne ahwɛfoɔ mpensa ahansia, sɛ wɔmma nkurɔfoɔ no nyɛ adwuma.


na wɔdii nnesoasoafoɔ no so, na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ nyinaa so sɛdeɛ ɔsom ahodoɔ no teɛ; nso na Lewifoɔ no mu binom yɛ atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ.


Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.


Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?


Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na wɔn nti, yɛsisii awɛmfoɔ awia ne anadwo, wɔn anim.


Onipa ba, Babelhene Nebukadnessar maa ne dɔm ko tiaa Tiro. Ɛyɛɛ ɔko kɛseɛ a na ɔhaw ne brɛ pii wɔ mu, nanso akatua biara amfiri Tiro ammɛka ɔno ne ne dɔm nsa, som a ɔsomeeɛ no ho.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnya nnuruu berɛ a wɔde bɛsi AWURADE fie no.


Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn.


na wɔforo kɔduruu Eskol subonhwa no mu, na wɔhunuu asase no, wɔbɛtuu Israelfoɔ no akoma, na wɔankɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan