Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:26
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ.


Ɔno na ɔsii AWURADE fie atifi pono no. Na Ofel fasuo no nso, ɔtoo bebree.


Na yei akyiri no, ɔtoo Dawid kuro akyi fasuo, Gihon atɔeɛ, subonhwa no mu de kɔsii Mpataa Pono ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔmaa no korɔn yie. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu.


Na ɔman no nkaeɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii nsase no so aman ho baa Nyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, animdefoɔ ne nhunumufoɔ nyinaa,


Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel. Na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so.


Na nsuo Aniwa Pono no so ne wɔn ntentensoɔ no wɔforoo Dawid kuro aforoeɛ no, ɔfasuo no aforoeɛ no so, Dawid fie no atifi de kɔsii Nsuo Pono no ano apueeɛ.


Ɔno so na Tekoafoɔ no bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu mu abantenten kɛseɛ a ɛfiri adie no ntentensoɔ kɔsii Ofel fasuo no ho.


Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.


Ɛnna ɔman no firii adi kɔfa baeɛ, na wɔbobɔɔ asese fae, obiara wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ, ne Nyankopɔn fie abannwa so, ne Nsuo Pono no ho mpraeɛ so ne Efraim Pono no ho mpraeɛ so.


Na ɔkenkanee wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono anim no so firi anɔpa kɔsii awigyina, mmarima ne mmaa ne wɔn a wɔbɛtumi ate aseɛ no anim. Na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nwoma no mu nsɛm no.


Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan, wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no, ne kokoɔ ne ɔwɛn aban bɛdane atu de akɔsi daa, ɛserɛ so mfunumu anika ne mmoakuo adidibea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan