Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Bet-sur abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu de kosii Dawid adamoa ntentenso ne ɔtare a wɔyɛe no ho ara de kosii nnɔmmanin fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:16
18 Iomraidhean Croise  

Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ tareɛ ne suka na ɔde nsuo no baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.


Na Samai ba ne Maon. Na Maon yɛ Bet-sur agya.


Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.


Na mesene mekɔɔ Nsuo aniwa Pono no ano ne Ɔhene Tadeɛ ho, nanso na m’aboa a mete no soɔ no nnya baabiara mfa.


Deɛ ɛtoa ne so na Halohes ba Salum, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu, ɔno ne ne mmammaa.


Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.


Ɔno so na Lewifoɔ no, Bani ba Rehum bɛtoa miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa ne mansini.


Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu.


meyeyɛɛ nsuo atadeɛ, na mede mu nsuo magugu kwaeɛ a nnua fefɛ wɔ mu no so;


Hwɛ, Salomo apakan no! Nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia, wɔfiri Israel nnɔmmarima mu.


na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no.


na Dawid kuro no mu mpaepaeɛ no, mohunuu sɛ ayɛ bebree, na moboaboaa aseɛ tadeɛ no mu nsuo ano;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano,


Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.


Halhul, Bet-sur ne Gedor,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan