Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:14
9 Iomraidhean Croise  

Na Saulo ba no wɔ mmarima baanu a wɔyɛ no asafohene, ɔbaako din de Baana, na deɛ ɔka ho no din de Rekab, wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wɔfiri Benyamin mma mu. Na wɔbu Beerotfoɔ nso fra Benyaminfoɔ mu.


Na ɔfiri hɔ rekorɔ no, ɔhunuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abɛhyia no; na ɔkyeaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Wodɔ me sɛdeɛ medɔ woɔ no? Na Yehonadab se: Medɔ wo! Na sɛ ɛte saa a, sɔ me nsa mu ɛ! Na ɔsɔɔ mu; na ɔmaa no foro kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu.


Mikael ba, Baaseia ba, Malkia ba,


Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,


Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.


Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho adwaa mfiri Yerusalem! Na monhyɛne totorobɛnto wɔ Tekoa, na monsi frankaa Bet-hakerem! na adebɔne bi ne ɔsɛeɛ kɛseɛ repue afiri atifi fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan