Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na Horonni, Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabiani Gesem tee no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So, ɔhene anim atua na moretew yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:19
22 Iomraidhean Croise  

Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ.


Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw.


Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.


Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den.


Na afei wɔn a mekyɛne wɔn panin koraa sere me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn bɛhyɛ me nkraman a wɔhwɛ me nnwankuo so mu,


Taamudifoɔ fɛdie ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


Wode yɛn yɛɛ ntɔkwa maa wɔn a wɔtete yɛn ho, na yɛn atamfoɔ sereseree wɔ wɔn mu.


Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Wosusu sɛ anosɛm hunu yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ na woate me so atua yi?


Na daa merekasa a, ɛma meteam, atiritirasɛm ne ɔsɛeɛ na ɛma mesu mefrɛ, na AWURADE asɛm adane me ahohora ne nsopa daa nyinaa.


Ɛnna Ismael faa ɔman no nkaeɛ a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmammaa ne nkurɔfoɔ a wɔkaa Mispa a Ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekɔtwam akɔ Amonfoɔ nkyɛn.


ɔkaa sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔseree no.


Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ.


Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.


Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.


Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.


Na afoforɔ hunuu animguasedeɛ ne ɔhweɛ, mpokyerɛ ne afiase nna nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan