Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:17
23 Iomraidhean Croise  

Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaa yɛn, na mmom wama Persia ahemfo ayɛ yɛn adɔeɛ. Na yɛanya ahoɔden a yɛde si yɛn Nyankopɔn fie, na yɛnkyekyere n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasuo bi wɔ Yuda ne Yerusalem.


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.


Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.


Na mmapɔmma no nnim deɛ mekɔeɛ ne deɛ meyɛeɛ. Na Yudafoɔ, asɔfoɔ, mmakoma, mmapɔmma ne nkaeɛ a wɔbɛyɛ adwuma no, na mennya menka menkyerɛɛ wɔn.


Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho.


Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,


Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa, ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛdie, ne ehuro.


Wode yɛn ayɛ akasabebuo amanaman mu, woma aman bobɔ wɔn tiri nko wɔ yɛn ho.


Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no, dane no mprɛnson gu wɔn kokom.


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;


AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi.


M’ani hyɛ me awerɛhoɔ me man mmammaa nyinaa nti.


Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wɔtwam nyinaa anim.


Ɛda a wɔbɛto wo fasuo no reba; ɛda no so na w’ahyeɛ bɛkɔ akyirikyirie.


Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan